Psalms 53

Nnipa amumɔyɛ

1Nkwaseafo ka wɔ wɔn koma mu se, “Onyankopɔn bi nni baabi.” Wɔn nyinaa yɛ amumɔyɛfo a wɔayɛ bɔne akɛseakɛse a wɔn mu baako koraa nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
2Onyankopɔn hwɛ nnipa mma wɔ fam fi soro hwɛ sɛ obehu anyansafo bi wɔ wɔn mu a wɔbɛsom no.
3Nanso wɔn nyinaa atwa wɔn ani; wɔn nyinaa yɛ bɔne pɛ.
Wɔn mu baako po nyɛ ade trenee; ɔbaako mpo nni hɔ.
4Onyankopɔn bisa se, “Wonnim anaa?
Saa nnebɔneyɛfo yi nnim anaa?
Wɔbɔ me nkurɔfo korɔn de tena ase nanso wɔmmɔ me mpae.”
5Nanso ahopopo bi a ebi nkaa wɔn da bɛka wɔn.
Onyankopɔn bɛbɔ ne nkurɔfo atamfo nnompe apansam.
Onyankopɔn apo wɔn, na saa ara na Israel bedi wɔn so pasaa ne no.
6Me mpae ne sɛ, nkonimdi befi Israel aba Sion.
Sɛ Onyankopɔn ma ahotɔ ba Israel a, dɛn ahotɔ na wɔrennya?
Copyright information for TwiNAK